Psalms 61

Banbɔ mpaebɔ

1Tie me sufrɛ,
O Onyankopɔn; tie me mpaebɔ!
2Abasamtu ne akyirikyiri a mifi na mede aba wo nkyɛn yi!
Fa me, na fa me sie yiye
3efisɛ, wone me gyefo, ogyefo dennen a ogyina tia mʼatamfo.
4Ma mentena wo Kronkron mu Kronkron hɔ me nkwa nna nyinaa.
Ma me guankɔbea wɔ wo ntaban ase hɔ.
5Woate me bɔhyɛ,
O Onyankopɔn, na woama me nea ɛfata sɛ wode ma wɔn a wɔhyɛ wo anuonyam.
6To ɔhene nna mu bebree; ma ɔntena ase daa daa.
7Ma onni hene daa daa wɔ wʼanim.
O Onyankopɔn, fa daa dɔ a wowɔ no ne wo gyidi bɔ ne ho ban.
8Enti daa mɛto ayeyi nnwom ama wo bere a daa mema wo nea mahyɛ wo ho bɔ no.
Copyright information for TwiNAK